Mateo 13:37
Matthew 13:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu buaa wɔn sɛ, “Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aba no.
Matthew 13:37 in English
Matthew 13:37 · Berean Standard Bible
He replied, “The One who sows the good seed is the Son of Man.
Context
35Esiane sɛ na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abɛbuo so bɛkasa enti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne sɛ,
“Mɛkasa abɛbuo mu,
na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ.” 36Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase. 37Yesu buaa wɔn sɛ, “Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aba no. 38Afuo no ne ewiase, na aba no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahennie no mma; ewira no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma. 39Ɔtamfoɔ a ɔduaa ewira fraa aburoo no ne ɔbɔnefoɔ no. Otwa berɛ no yɛ ewiase awieeɛ; atwafoɔ no ne abɔfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.