Mateo 13:35
Matthew 13:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abɛbuo so bɛkasa enti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne sɛ, “Mɛkasa abɛbuo mu, na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ.”
Matthew 13:35 in English
Matthew 13:35 · Berean Standard Bible
So was fulfilled what was spoken through the prophet: “I will open My mouth in parables; I will utter things hidden since the foundation of the world.”*
Context
33Ɔbuu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.” 34Yesu nam abɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no. 35Esiane sɛ na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abɛbuo so bɛkasa enti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne sɛ,
“Mɛkasa abɛbuo mu,
na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ.” 36Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase. 37Yesu buaa wɔn sɛ, “Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aba no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.