Mateo 13:34
Matthew 13:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu nam abɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no.
Matthew 13:34 in English
Matthew 13:34 · Berean Standard Bible
Jesus spoke all these things to the crowds in parables. He did not tell them anything without using a parable.
Context
32Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ ɛnyini a, ɛyɛ dutan kɛseɛ ma nnomaa kɔsisi ne mman so.” 33Ɔbuu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.” 34Yesu nam abɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no. 35Esiane sɛ na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abɛbuo so bɛkasa enti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne sɛ,
“Mɛkasa abɛbuo mu,
na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ.” 36Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.