Mateo 13:3
Matthew 13:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.
Matthew 13:3 in English
Matthew 13:3 · Berean Standard Bible
And He told them many things in parables, saying, “A farmer went out to sow his seed.
Context
1Ɛda no ara Yesu firii adi kɔtenaa mpoano. 2Nnipakuo kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu a na nnipakuo no nso gyinagyina mpoano hɔ. 3Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. 4Ɔgu so reguo no, aba no bi guu ɛkwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa. 5Ebi nso kɔguu abotan so. Ankyɛre na aba no fifiriiɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.