Native Bible

Matthew 13:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipakuo kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu a na nnipakuo no nso gyinagyina mpoano hɔ.

Matthew 13:2 in English

Matthew 13:2 · Berean Standard Bible

Such large crowds gathered around Him that He got into a boat and sat down, while all the people stood on the shore.

Context

1Ɛda no ara Yesu firii adi kɔtenaa mpoano. 2Nnipakuo kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu a na nnipakuo no nso gyinagyina mpoano hɔ. 3Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. 4Ɔgu so reguo no, aba no bi guu ɛkwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.