Mateo 12:9
Matthew 12:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu firii deɛ ɔwɔ hɔ kɔɔ hyiadan mu.
Matthew 12:9 in English
Matthew 12:9 · Berean Standard Bible
Moving on from there, Jesus entered their synagogue,
Context
7Sɛ moate asɛm a ɛse, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yie a, anka moremmu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ. 8Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura”. 9Yesu firii deɛ ɔwɔ hɔ kɔɔ hyiadan mu. 10Ɔhunuu ɔbarima bi wɔ dan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yadeɛ Homeda anaa?”* Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no! 11Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔwɔ odwan baako na sɛ ɔkɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɛkwan biara so wobɛkɔ akɔyi no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.