Mateo 11:3
Matthew 11:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?”
Matthew 11:3 in English
Matthew 11:3 · Berean Standard Bible
to ask Him, “Are You the One who was to come, or should we look for someone else?”
Context
1Yesu wiee nʼasuafoɔ dumienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ nkuro a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no. 2Yohane Osubɔni a saa ɛberɛ no na ɔda afiase no tee anwanwadeɛ a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafoɔ bɛbisaa no sɛ, 3“Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?” 4Yesu buaa wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔka anwanwadeɛ a moahunu ne deɛ moate nkyerɛ Yohane sɛ, 5anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho ate, asotifoɔ te asɛm, na awufoɔ nso nyane. Afei, monka nkyerɛ no sɛ, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.