Mateo 10:36
Matthew 10:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara ɔtamfoɔ a ne ho yɛ hu no bɛfiri nʼankasa ne fie.’
Matthew 10:36 in English
Matthew 10:36 · Berean Standard Bible
A man’s enemies will be the members of his own household.’*
Context
34“Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mmom akofena na mede baeɛ. 35Maba sɛ mɛma
“ ‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya,
na ɔbabaa asɔre atia ne maame,
na ɔbaa warefoɔ nso asɔre atia nʼasebaa. 36Obiara ɔtamfoɔ a ne ho yɛ hu no bɛfiri nʼankasa ne fie.’ 37“Deɛ ɔdɔ nʼagya anaa ne maame kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ. Saa ara na deɛ ɔdɔ ne babarima anaa ne babaa kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ ara no no. 38Sɛ obi amfa nʼasɛnnua na wammɛdi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me deɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.