Luka 8:43
Luke 8:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no,
Luke 8:43 in English
Luke 8:43 · Berean Standard Bible
including a woman who had suffered from bleeding for twelve years. She had spent all her money on physicians,* but no one was able to heal her.
Context
41Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fie 42na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu.
Ɛberɛ a Yesu rekɔ no na nnipakuo no kyere ne so. 43Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no, 44firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom hɔ ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ. 45Yesu bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ ano no?”
Obiara buaa sɛ, ɛnyɛ ɔno. Yei maa Petro kaa sɛ, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.