Native Bible

Luke 8:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom hɔ ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ.

Luke 8:44 in English

Luke 8:44 · Berean Standard Bible

She came up behind Jesus and touched the fringe of His cloak, and immediately her bleeding stopped.

Context

42na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu. Ɛberɛ a Yesu rekɔ no na nnipakuo no kyere ne so. 43Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no, 44firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom hɔ ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ. 45Yesu bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ ano no?” Obiara buaa sɛ, ɛnyɛ ɔno. Yei maa Petro kaa sɛ, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.” 46Yesu buaa no sɛ, “Dabi, obi asɔ mʼatadeɛ mu ɛfiri sɛ, mete nka sɛ tumi bi afiri me mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.