Native Bible

Luke 8:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fie

Luke 8:41 in English

Luke 8:41 · Berean Standard Bible

Just then a synagogue leader named Jairus came and fell at Jesus’ feet. He begged Him to come to his house,

Context

39“Kɔ na kɔdi deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanseɛ kyerɛ wo manfoɔ.” Ɔbarima no firii hɔ kɔdii anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no ho adanseɛ kyerɛɛ kurom hɔfoɔ nyinaa. 40Yesu duruu asuogya hɔ no, nnipakuo no de anigyeɛ hyiaa no kwan, ɛfiri sɛ, na wɔatwɛn no abrɛ. 41Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fie 42na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu. Ɛberɛ a Yesu rekɔ no na nnipakuo no kyere ne so. 43Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.