Native Bible

Luke 8:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ahinta no bɛda adi, na deɛ ɛwɔ kɔkoam no nso ada dwa.

Luke 8:17 in English

Luke 8:17 · Berean Standard Bible

For there is nothing hidden that will not be disclosed, and nothing concealed that will not be made known and brought to light.

Context

15Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanseɛ. 16“Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutu so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. 17Deɛ ahinta no bɛda adi, na deɛ ɛwɔ kɔkoam no nso ada dwa. 18Enti deɛ motie no, montie no yie. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na deɛ ɔnni ahe bi no, deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ ne dea no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.” 19Ɛda bi, Yesu maame ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso ɛsiane nnipakuo a na wɔatwa ne ho ahyia no enti, wɔantumi ne no ankasa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.