Luka 8:18
Luke 8:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti deɛ motie no, montie no yie. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na deɛ ɔnni ahe bi no, deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ ne dea no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.”
Luke 8:18 in English
Luke 8:18 · Berean Standard Bible
Pay attention, therefore, to how you listen. Whoever has will be given more, but whoever does not have, even what he thinks he has will be taken away from him.”
Context
16“Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutu so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. 17Deɛ ahinta no bɛda adi, na deɛ ɛwɔ kɔkoam no nso ada dwa. 18Enti deɛ motie no, montie no yie. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na deɛ ɔnni ahe bi no, deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ ne dea no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.” 19Ɛda bi, Yesu maame ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso ɛsiane nnipakuo a na wɔatwa ne ho ahyia no enti, wɔantumi ne no ankasa. 20Obi kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ne maame ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.