Native Bible

Luke 8:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Afei, abɛbuo no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm.

Luke 8:11 in English

Luke 8:11 · Berean Standard Bible

Now this is the meaning of the parable: The seed is the word of God.

Context

9Na nʼasuafoɔ no bisaa no saa abɛbuo yi ase no, 10ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu, “ ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.’ 11“Afei, abɛbuo no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. 12Aba a ɛguu ɛkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam bɛhwim firi wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagyeɛ. 13Aba a ɛguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigyeɛ sɔ mu, nanso ɛntim wɔn mu. Na ɛsiane wɔn gyidie a ɛsua no enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa aba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.