Luke 6:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu kaa sɛ, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”
Luke 6:5 in English
Luke 6:5 · Berean Standard Bible
Then Jesus declared, “The Son of Man is Lord of the Sabbath.”
Context
3Yesu buaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛɛ ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Atwerɛsɛm no mu anaa? 4Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfoɔ nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso diiɛ.” 5Yesu kaa sɛ, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.” 6Homeda foforɔ bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. 7Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yadeɛ Homeda yi nso anaa. Deɛ na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛbu mmara no so, asa yadeɛ na wɔn nsa aka no akyere no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.