Luke 6:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yadeɛ Homeda yi nso anaa. Deɛ na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛbu mmara no so, asa yadeɛ na wɔn nsa aka no akyere no.
Luke 6:7 in English
Luke 6:7 · Berean Standard Bible
Looking for a reason to accuse Jesus, the scribes and Pharisees were watching Him closely to see if He would heal on the Sabbath.
Context
5Yesu kaa sɛ, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.” 6Homeda foforɔ bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. 7Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yadeɛ Homeda yi nso anaa. Deɛ na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛbu mmara no so, asa yadeɛ na wɔn nsa aka no akyere no. 8Yesu hunuu wɔn adwene, nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre bɛgyina animu ha, na obiara nhunu wo.” Ɔbarima no sɔre bɛgyinaa hɔ. 9Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merebisa mo. Ɛdeɛn na mmara no ma ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yɛbɛgye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.