Native Bible

Luke 5:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ ɛserɛ so kɔbɔ mpaeɛ.

Luke 5:16 in English

Luke 5:16 · Berean Standard Bible

Yet He frequently withdrew to the wilderness to pray.

Context

14Yesu hyɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ akwatafoɔ a wɔn ho ate no mmɔ sɛ adansedie no.” 15Yesu anwanwadwuma a ɔyɛeɛ yi maa ne ho asɛm trɛɛ mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree bɛtiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yadeɛ nso. 16Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ ɛserɛ so kɔbɔ mpaeɛ. 17Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuro ahodoɔ so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa ɛberɛ no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. 18Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafoɔ bi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.