Luka 5:18
Luke 5:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafoɔ bi.
Luke 5:18 in English
Luke 5:18 · Berean Standard Bible
Just then some men came carrying a paralyzed man on a mat. They tried to bring him inside to set him before Jesus,
Context
16Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ ɛserɛ so kɔbɔ mpaeɛ. 17Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuro ahodoɔ so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa ɛberɛ no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. 18Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafoɔ bi. 19Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipakuo no mu nkɔ Yesu nkyɛn enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no kɔtuu atifi tokuro, de obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim. 20Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.