Luka 3:15
Luke 3:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ saa ɛberɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan enti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no.
Luke 3:15 in English
Luke 3:15 · Berean Standard Bible
The people were waiting expectantly and were all wondering in their hearts if John could be the Christ.
Context
13Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monnnye mmoro deɛ wɔatwa ato hɔ sɛ monnye no.” 14Asraafoɔ bi nso bisaa sɛ, “Yɛn nso yɛnyɛ ɛdeɛn?”
Yohane buaa wɔn sɛ, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!” 15Esiane sɛ saa ɛberɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan enti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no. 16Yei maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛrebɔ mo asu. Nanso, obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sene me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 17Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.