Luka 3:17
Luke 3:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.”
Luke 3:17 in English
Luke 3:17 · Berean Standard Bible
His winnowing fork is in His hand to clear His threshing floor and to gather the wheat into His barn; but He will burn up the chaff with unquenchable fire.”
Context
15Esiane sɛ saa ɛberɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan enti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no. 16Yei maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛrebɔ mo asu. Nanso, obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sene me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 17Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.” 18Ɔnam afotuo ahodoɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. 19Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahodoɔ a na ɔyɛ no ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.