Native Bible

Luke 23:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfoɔ baanu bi kaa ne ho sɛ wɔnkɔku wɔn.

Luke 23:32 in English

Luke 23:32 · Berean Standard Bible

Two others, who were criminals, were also led away to be executed with Jesus.

Context

30Saa ɛberɛ no “ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Dwiri gu yɛn so!” ne nkokoɔ nso sɛ, “Kata yɛn so!” ’ 31Na sɛ wɔde yei yɛ me a meyɛ dua mono no a, ɛdeɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ dua wuiɛ?” 32Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfoɔ baanu bi kaa ne ho sɛ wɔnkɔku wɔn. 33Wɔduruu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfoɔ baanu no asɛnnua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum. 34Yesu kaa sɛ, “Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.