Luka 23:28
Luke 23:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yerusalem mma, monnsu me na monsu mo ho ne mo mma.
Luke 23:28 in English
Luke 23:28 · Berean Standard Bible
But Jesus turned to them and said, “Daughters of Jerusalem, do not weep for Me, but weep for yourselves and for your children.
Context
26Afei, wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnnua mu no, wɔhyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ɔfiri afuom reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no wɔ ne kɔn ho, dii nʼakyi. 27Nnipadɔm a mmaa a wɔresu retwa agyaadwoɔ fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi. 28Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yerusalem mma, monnsu me na monsu mo ho ne mo mma. 29Na mmerɛ bi reba a wɔbɛka sɛ, ‘Nhyira ne abonini ne yafunu a ɛnwoo da ne nufoɔ a wɔnnum da.’ 30Saa ɛberɛ no
“ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Dwiri gu yɛn so!”
ne nkokoɔ nso sɛ, “Kata yɛn so!” ’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.