Luka 23:27
Luke 23:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipadɔm a mmaa a wɔresu retwa agyaadwoɔ fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi.
Luke 23:27 in English
Luke 23:27 · Berean Standard Bible
A great number of people followed Him, including women who kept mourning and wailing for Him.
Context
25Wɔgyaee Baraba a ɛsiane sɛ ɔhwanyanee ɔman sane dii awu no enti, ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛdeɛ wɔpɛ no. 26Afei, wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnnua mu no, wɔhyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ɔfiri afuom reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no wɔ ne kɔn ho, dii nʼakyi. 27Nnipadɔm a mmaa a wɔresu retwa agyaadwoɔ fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi. 28Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yerusalem mma, monnsu me na monsu mo ho ne mo mma. 29Na mmerɛ bi reba a wɔbɛka sɛ, ‘Nhyira ne abonini ne yafunu a ɛnwoo da ne nufoɔ a wɔnnum da.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.