Luka 22:21
Luke 22:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, mo a mo ne me te adidiiɛ ha yi mu baako na ɔbɛyi me ama.
Luke 22:21 in English
Luke 22:21 · Berean Standard Bible
Look! The hand of My betrayer is with Mine on the table.
Context
19Afei, ɔfaa burodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede rema mo. Monnye nni. Ɛda biara a mobɛdi saa burodo yi bi no, momfa nkae me.” 20Saa ara nso na adidie no akyi no, ɔfaa kuruwa kaa sɛ, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforɔ a wɔnam so bɛgye mo nkwa. 21Nanso, mo a mo ne me te adidiiɛ ha yi mu baako na ɔbɛyi me ama. 22Ɛtwa sɛ Onipa Ba no wu, sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso deɛ ɔbɛyi no ama no deɛ, ɔnnue.” 23Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyi no ama no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.