Luka 20:18
Luke 20:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara a ɔbɛhwe ɛboɔ no so no, ɔbɛbubu na deɛ ɛboɔ no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛkyɛ no.”
Luke 20:18 in English
Luke 20:18 · Berean Standard Bible
Everyone who falls on this stone will be broken to pieces, but he on whom it falls will be crushed.”
Context
16Ɔbɛba abɛkum saa apaafoɔ yi na ɔde afuo no ama afoforɔ.”
Nnipa a wɔretie Yesu no kaa sɛ, “Ɛmpare yɛn!” 17Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn sɛ, “Ɛnneɛ na deɛ wɔatwerɛ sɛ,
“ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no,
ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ’ no aseɛ ne sɛn? 18Obiara a ɔbɛhwe ɛboɔ no so no, ɔbɛbubu na deɛ ɛboɔ no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛkyɛ no.” 19Esiane sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanin no hunuu sɛ Yesu buu ɛbɛ no tiaa wɔn enti, wɔhwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere no saa ɛberɛ no ara mu, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro. 20Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu enti, wɔtetɛɛ no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.