Native Bible

Luke 2:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obiara kɔɔ ne kurom na wɔtwerɛɛ ne din.

Luke 2:3 in English

Luke 2:3 · Berean Standard Bible

And everyone went to his own town to register.

Context

1Saa ɛberɛ no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn hyɛɛ mmara bi sɛ wɔnkan ne ɔman no mu nnipa nyinaa. 2Saa nnipakan yi ne deɛ ɛdi ɛkan a wɔkanee wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no berɛ so. 3Obiara kɔɔ ne kurom na wɔtwerɛɛ ne din. 4Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani no enti, na ɛsɛ sɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. 5Ɔne ne yere Maria a saa ɛberɛ no na ɔnyem no na wɔkɔeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.