Native Bible

Luke 18:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Madi saa mmara yi nyinaa so firi me mmɔfraase.”

Luke 18:21 in English

Luke 18:21 · Berean Standard Bible

“All these I have kept from my youth,” he said.

Context

19Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 20Wonim Mose mmara no: ‘Mmɔ adwaman! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di wʼagya ne wo maame ni!’ ” 21Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Madi saa mmara yi nyinaa so firi me mmɔfraase.” 22Yesu tee deɛ osikani no kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahodeɛ nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafoɔ na wobɛnya agyapadeɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu, na afei, bra bɛdi mʼakyi.” 23Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahodeɛ pii.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.