Luka 18:20
Luke 18:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wonim Mose mmara no: ‘Mmɔ adwaman! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di wʼagya ne wo maame ni!’ ”
Luke 18:20 in English
Luke 18:20 · Berean Standard Bible
You know the commandments: ‘Do not commit adultery, do not murder, do not steal, do not bear false witness, honor your father and mother.’*”
Context
18Ɛda bi Yudani sikani bi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” 19Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 20Wonim Mose mmara no: ‘Mmɔ adwaman! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di wʼagya ne wo maame ni!’ ” 21Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Madi saa mmara yi nyinaa so firi me mmɔfraase.” 22Yesu tee deɛ osikani no kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahodeɛ nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafoɔ na wobɛnya agyapadeɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu, na afei, bra bɛdi mʼakyi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.