Native Bible

Luke 15:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa.

Luke 15:13 in English

Luke 15:13 · Berean Standard Bible

After a few days, the younger son got everything together and journeyed to a distant country, where he squandered his wealth in wild living.

Context

11Yesu sane buu wɔn ɔyera ho ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmammarima baanu. 12Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Me agya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no. 13“Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa. 14Ɛno akyi no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. 15Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kuromani bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.