Luka 11:6
Luke 11:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛfiri sɛ, ɔhɔhoɔ bi abɛfu me mu, na menni aduane biara a mede bɛma no,’
Luke 11:6 in English
Luke 11:6 · Berean Standard Bible
because a friend of mine has come to me on a journey, and I have nothing to set before him.’
Context
4Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn
sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no.
Na mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.’” 5Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ dasuo mu akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Me nua, fɛm me aduane kakra, 6ɛfiri sɛ, ɔhɔhoɔ bi abɛfu me mu, na menni aduane biara a mede bɛma no,’ 7na ɔbɛma no mmuaeɛ afiri ne dan mu sɛ, ‘Nha me! Mato me ɛpono mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’ 8Mereka akyerɛ mo sɛ, na ade asa no enti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a, ɔrensɔre. Nanso, ɛsiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no enti, ɛbɛma wasɔre ama no deɛ ɛhia no no nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.