Luka 1:63
Luke 1:63 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.
Luke 1:63 in English
Luke 1:63 · Berean Standard Bible
Zechariah asked for a tablet and wrote, “His name is John.” And they were all amazed.
Context
61Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.” 62Yei maa wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bisaa nʼagya din a wɔmfa nto abɔfra no. 63Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. 64Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔhyɛɛ aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ. 65Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.