Luka 1:65
Luke 1:65 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa.
Luke 1:65 in English
Luke 1:65 · Berean Standard Bible
All their neighbors were filled with awe, and people throughout the hill country of Judea were talking about these events.
Context
63Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. 64Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔhyɛɛ aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ. 65Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa. 66Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na abɔfra yi bɛnyini ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.” 67Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.