Native Bible

Leviticus 9:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

Leviticus 9:3 in English

Leviticus 9:3 · Berean Standard Bible

Then speak to the Israelites and say, ‘Take a male goat for a sin offering, a calf and a lamb—both a year old and without blemish—for a burnt offering,

Context

1Ahodwira no akyi ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. 2Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ, ɔnkɔkyere nantwinini ba mfiri anantwie no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ saa afɔdeɛ yi nyinaa wɔ Awurade anim. 3Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no. 4Bio, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔmfa asikyiresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ. Ka kyerɛ ma wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa mma Awurade, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Awurade bɛyi ne ho adi akyerɛ mo.” 5Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa Awurade anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.