Native Bible

Leviticus 9:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa Awurade anim.

Leviticus 9:5 in English

Leviticus 9:5 · Berean Standard Bible

So they took what Moses had commanded to the front of the Tent of Meeting, and the whole congregation drew near and stood before the LORD.

Context

3Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no. 4Bio, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔmfa asikyiresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ. Ka kyerɛ ma wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa mma Awurade, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Awurade bɛyi ne ho adi akyerɛ mo.” 5Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa Awurade anim. 6Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ modi Awurade mmara so a, mobɛnya nʼanimuonyam.” 7Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔnkɔ afɔrebukyia no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no mfa nyɛ mpatadeɛ mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.