3 Mose 9:11
Leviticus 9:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɛnam no deɛ, ɔhyee no ne ne nhoma wɔ sraban no akyi.
Leviticus 9:11 in English
Leviticus 9:11 · Berean Standard Bible
But he burned up the flesh and the hide outside the camp.
Context
9Ne mmammarima no de mogya no brɛɛ no ɛnna ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu fɔree mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no ɛnna ɔhwiee nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase. 10Afei, ɔhyee sradeɛ, sawa, berɛboɔ, berɛboɔ nkotokuo a ɛfiri bɔne afɔrebɔdeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. 11Na ɛnam no deɛ, ɔhyee no ne ne nhoma wɔ sraban no akyi. 12Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, ɔkumm ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no maa ne mmammarima sɔɔ mogya no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa, 13Wɔde aboa no brɛɛ no asinasini a ne ti ka ho. Ɔhyee aboa no akwaa biara wɔ afɔrebukyia no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.