Native Bible

Leviticus 7:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ɔsɔfoɔ a ɔredi dwuma no afa ne srɛ nifa no.

Leviticus 7:32 in English

Leviticus 7:32 · Berean Standard Bible

And you are to give the right thigh to the priest as a contribution from your peace offering.

Context

30Ɔmfa afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ sradeɛ ne ne yan a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama Awurade no mmra. 31Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so na ne yan no deɛ, Aaron ne ne mmammarima bɛfa, 32na ɔsɔfoɔ a ɔredi dwuma no afa ne srɛ nifa no. 33Na Aaron mmammarima no mu deɛ ɔde mogya ne sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ no mu bɛba afɔrebukyia no so na ɔbɛfa srɛ nifa no. 34Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmammarima. Ɛberɛ biara, wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmammarima.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.