3 Mose 24:15
Leviticus 24:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔnya ho asotwe:
Leviticus 24:15 in English
Leviticus 24:15 · Berean Standard Bible
And you are to tell the Israelites, ‘If anyone curses his God, he shall bear the consequences of his sin.
Context
13Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 14“Fa obusuyɛni no firi atenaeɛ ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsi no aboɔ nku no. 15Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔnya ho asotwe: 16obiara a ɔgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛsɛ sɛ ɛdɔm no nyinaa si no aboɔ. Ɔhɔhoɔ anaa Israelni biara a ɔbɛgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. 17“ ‘Obiara a ɔkum ne yɔnko onipa no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.