3 Mose 21:8
Leviticus 21:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔayi ɔsɔfoɔ no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Onyankopɔn afɔdeɛ; ɔyɛ kronkron na me Awurade a mete mo ho ma moyɛ kronkron no nso, meyɛ kronkron.
Leviticus 21:8 in English
Leviticus 21:8 · Berean Standard Bible
You are to regard him as holy, since he presents the food of your God. He shall be holy to you, because I the LORD am holy—I who set you apart.
Context
6Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔgu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Awurade wɔn Onyankopɔn. 7“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ware odwamanfoɔ anaa ɔbaa bi a ɔfiri ɔman foforɔ so. Ɔnni ho kwan sɛ ɔware ɔbaa bi a wagyae awadeɛ, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn. 8Wɔayi ɔsɔfoɔ no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Onyankopɔn afɔdeɛ; ɔyɛ kronkron na me Awurade a mete mo ho ma moyɛ kronkron no nso, meyɛ kronkron. 9“ ‘Ɔsɔfoɔ babaa biara a ɔbɛbɔ adwaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhye no. 10“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atadeɛ sononko no gyaa ne tirinwi ma ɛsensɛn wɔ ayiyɛ mu. Saa ara nso na ɔnni ho kwan sɛ ɔsunsuane nʼatadeɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.