Native Bible

Leviticus 19:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.

Leviticus 19:18 in English

Leviticus 19:18 · Berean Standard Bible

Do not seek revenge or bear a grudge against any of your people, but love your neighbor as yourself.* I am the LORD.

Context

16“ ‘Monnni nsekuro. “ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade. 17“ ‘Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wodi ho fɔ saa ara. 18“ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade. 19“ ‘Monni me mmara so: “ ‘Mma wo nantwie mforo aboa foforɔ bi. “ ‘Nnua afifideɛ a ɛgu ahodoɔ mmienu wɔ wʼafuo mu. “ ‘Nhyɛ atadeɛ a ɛfa yɛ kuntu na ɛfa nso yɛ serekye. 20“ ‘Sɛ obi bɔ afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm wɔ asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn, ɛfiri sɛ, afenaa no nne ne ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.