Native Bible

Leviticus 18:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ wɔ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.

Leviticus 18:21 in English

Leviticus 18:21 · Berean Standard Bible

You must not give any of your children to be sacrificed * to Molech, for you must not profane the name of your God. I am the LORD.

Context

19“ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbaa a wakɔ afikyire. 20“ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi. 21“ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ wɔ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade. 22“ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwadeɛ kɛseɛ na ɛyɛ bɔne a ɛso nso. 23“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbaa de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.