3 Mose 14:44
Leviticus 14:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔsɔfoɔ no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ efie no ho nte.
Leviticus 14:44 in English
Leviticus 14:44 · Berean Standard Bible
the priest must come and inspect it. If the mildew has spread in the house, it is a destructive mildew; the house is unclean.
Context
42Na wɔde aboɔ foforɔ bi abɛhyɛ deɛ wɔwerɛwerɛeɛ no anan na wɔde dɔteɛ foforɔ asra efie no ho. 43“Na sɛ nsisiiɛ no ba bio a, 44ɔsɔfoɔ no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ efie no ho nte. 45Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu efie no agu. Wɔbɛtwe mmubuiɛ no mu aboɔ, nnua ne dɔteɛ no nyinaa afiri kuro no mu de akɔgu kuro no akyi baabi a ɛhɔ ho nte. 46“Obiara a ɔbɛwura efie a wɔato mu no mu no ho nte kɔsi anwummerɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.