Native Bible

Leviticus 14:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Obiara a ɔbɛwura efie a wɔato mu no mu no ho nte kɔsi anwummerɛ.

Leviticus 14:46 in English

Leviticus 14:46 · Berean Standard Bible

Anyone who enters the house during any of the days that it is closed up will be unclean until evening.

Context

44ɔsɔfoɔ no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ efie no ho nte. 45Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu efie no agu. Wɔbɛtwe mmubuiɛ no mu aboɔ, nnua ne dɔteɛ no nyinaa afiri kuro no mu de akɔgu kuro no akyi baabi a ɛhɔ ho nte. 46“Obiara a ɔbɛwura efie a wɔato mu no mu no ho nte kɔsi anwummerɛ. 47Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa ɔbɛdidi wɔ efie hɔ no bɛsi ne nneɛma nyinaa. 48“Na sɛ wɔsra efie no ho bio na ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ na nsisiiɛ no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka sɛ wɔate efie no ho na kwata no nso kɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.