Native Bible

Lamentations 5:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom, yɛn maamenom ayɛ sɛ akunafoɔ.

Lamentations 5:3 in English

Lamentations 5:3 · Berean Standard Bible

We have become fatherless orphans; our mothers are widows.

Context

1Ao Awurade, kae deɛ aba yɛn so; hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ. 2Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ, wɔde yɛn afie ama ananafoɔ. 3Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom, yɛn maamenom ayɛ sɛ akunafoɔ. 4Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsuo a yɛnom; yɛbɛnya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ. 5Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ; Yɛabrɛ na yɛnnya ahomegyeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.