Native Bible

Lamentations 5:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ, wɔde yɛn afie ama ananafoɔ.

Lamentations 5:2 in English

Lamentations 5:2 · Berean Standard Bible

Our inheritance has been turned over to strangers, our houses to foreigners.

Context

1Ao Awurade, kae deɛ aba yɛn so; hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ. 2Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ, wɔde yɛn afie ama ananafoɔ. 3Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom, yɛn maamenom ayɛ sɛ akunafoɔ. 4Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsuo a yɛnom; yɛbɛnya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.