Kwadwom 5:13
Lamentations 5:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmeranteɛ yɛ adwuma den wɔ ayuoyammoɔ so; na mmerantewaa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.
Lamentations 5:13 in English
Lamentations 5:13 · Berean Standard Bible
Young men toil at millstones; boys stagger under loads of wood.
Context
11Wɔato mmaa monnaa wɔ Sion,
ne mmaabunu a wɔwɔ Yuda nkuro so. 12Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;
wɔmmfa anidie mma mpanimfoɔ. 13Mmeranteɛ yɛ adwuma den wɔ ayuoyammoɔ so;
na mmerantewaa nan toto wɔ nnyina duruduru ase. 14Mpanimfoɔ ntena kuropɔn apono ano bio;
mmeranteɛ agyae wɔn nnwontoɔ. 15Ahosɛpɛ afiri yɛn akoma mu;
yɛn asa adane agyaadwotwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.