Native Bible

Lamentations 3:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde abotan asi me ɛkwan; wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

Lamentations 3:9 in English

Lamentations 3:9 · Berean Standard Bible

He has barred my ways with cut stones; He has made my paths crooked.

Context

7Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane; wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha. 8Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a ɔsi me mpaeɛbɔ ano. 9Ɔde abotan asi me ɛkwan; wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye. 10Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, te sɛ gyata a watɛ, 11ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ me na ɔgyaa me a menni mmoa biara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.