Native Bible

Lamentations 3:54 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nsuo bu faa me tiri so, na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me.

Lamentations 3:54 in English

Lamentations 3:54 · Berean Standard Bible

The waters flowed over my head, and I thought I was going to die.

Context

52Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hwee pampam me sɛ anomaa. 53Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa so na wɔsi me aboɔ wɔ amena mu; 54nsuo bu faa me tiri so, na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me. 55Mebɔɔ wo din, Ao Awurade firi amena no ase tɔnn. 56Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼaso wɔ me gyeɛ sufrɛ ho.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.