Kwadwom 3:39
Lamentations 3:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
Lamentations 3:39 in English
Lamentations 3:39 · Berean Standard Bible
Why should any mortal man complain, in view of his sins?
Context
37Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba mu
wɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ? 38Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom
na musuo ne nnepa firi anaa? 39Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii
ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho? 40Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,
na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn. 41Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so,
nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.