Kwadwom 1:21
Lamentations 1:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nnipa ate mʼapinisie, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho. Ma nna a woahyɛ no mmra sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me.
Lamentations 1:21 in English
Lamentations 1:21 · Berean Standard Bible
People have heard my groaning, but there is no one to comfort me. All my enemies have heard of my trouble; they are glad that You have caused it. May You bring the day You have announced, so that they may become like me.
Context
19“Mefrɛɛ mʼapamfoɔ
nanso wɔyii me maeɛ.
Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔ
ase tɔreɛ wɔ kuropɔn no mu,
ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adi
na wɔanwuwu. 20“Ao Awurade, hwɛ me mmɔborɔ!
Meredi ɛyea wɔ me mu,
na mʼakoma mu nso menni ahotɔ,
ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ.
Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so;
efie nso yɛ owuo nko ara. 21“Nnipa ate mʼapinisie,
nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.
Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu
wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho.
Ma nna a woahyɛ no mmra
sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me. 22“Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim;
na wo ne wɔn nni
sɛdeɛ wo ne me adie
ɛsiane mʼamumuyɛ no enti.
Mʼapinisie dɔɔso
na mʼakoma aboto.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.