Native Bible

Lamentations 1:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim; na wo ne wɔn nni sɛdeɛ wo ne me adie ɛsiane mʼamumuyɛ no enti. Mʼapinisie dɔɔso na mʼakoma aboto.”

Lamentations 1:22 in English

Lamentations 1:22 · Berean Standard Bible

Let all their wickedness come before You, and deal with them as You have dealt with me because of all my transgressions. For my groans are many, and my heart is faint.

Context

20“Ao Awurade, hwɛ me mmɔborɔ! Meredi ɛyea wɔ me mu, na mʼakoma mu nso menni ahotɔ, ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ. Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so; efie nso yɛ owuo nko ara. 21“Nnipa ate mʼapinisie, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho. Ma nna a woahyɛ no mmra sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me. 22“Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim; na wo ne wɔn nni sɛdeɛ wo ne me adie ɛsiane mʼamumuyɛ no enti. Mʼapinisie dɔɔso na mʼakoma aboto.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.